Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Numeri 18:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Worennya agyapade wɔ wɔn asaase so, na worennya asaase biara wɔ wɔn mu.+ Mene wo kyɛfa ne w’agyapade wɔ Israelfo mu.+

  • Numeri 18:24
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 Efisɛ nneɛma mu nkyem du mu baako a Israelfo de yi ntoboa, nea wɔde yi ntoboa ma Yehowa no, mede ama Lewifo no sɛ wɔn agyapade. Ɛno nti na maka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wonya agyapade biara wɔ Israelfo mu’ no.”+

  • Deuteronomium 10:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Eyi nti na wɔamma Lewi kyɛfa anaa agyapade wɔ ne nuanom mu no. Yehowa ne n’agyapade sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+

  • Deuteronomium 14:28, 29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 28 “Mfe abiɛsa biara ba awiei a, fa afe a ɛto so abiɛsa no nnɔbae a wunyae nyinaa mu nkyem du mu baako bra wo kurom.+ 29 Esiane sɛ wɔamma Lewifo kyɛfa anaa agyapade biara wɔ mo mu nti, wɔne ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu, nnyanka, ne akunafo a wɔwɔ mo nkurow mu no bɛba abedi amee,+ na nea moyɛ nyinaa, Yehowa mo Nyankopɔn behyira so.+

  • Yosua 13:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Lewi abusuakuw no nko ara na wamma wɔn agyapade.+ Afɔre a wɔde ogya hyew ma Israel Nyankopɔn Yehowa no, ɛno ne wɔn agyapade,+ sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena