-
Numeri 14:39-45Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
39 Bere a Mose kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo no nyinaa no, ɔman no fii ase dii awerɛhow yiye. 40 Afei wɔsɔree anɔpatutuutu sɛ wɔreforo akɔ bepɔw no apampam, na wɔkae sɛ: “Yɛayɛ krado sɛ yɛbɛforo akɔ baabi a Yehowa kaa ho asɛm no, efisɛ yɛayɛ bɔne.”+ 41 Ɛnna Mose kae sɛ: “Adɛn nti na morebu Yehowa asɛm so? Ɛrensi mo yiye. 42 Monhwɛ na moamforo ankɔ, efisɛ Yehowa nka mo ho; anyɛ saa a, mubedi nkogu wɔ mo atamfo anim.+ 43 Hwɛ, Amalekfo ne Kaananfo wɔ hɔ,+ na wɔne mo bɛko, na wɔde sekan bekunkum mo. Esiane sɛ moafi Yehowa akyi nti, Yehowa nso renni mo akyi bio.”+
44 Nanso wɔyɛɛ asoɔden, na wɔforo kɔɔ bepɔw no apampam,+ na Yehowa apam adaka no ne Mose amfi asoɛe no mfinimfini ankɔ.+ 45 Na Amalekfo ne Kaananfo a wɔtete saa bepɔw no so no sian bɛtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn, na wɔbɔɔ wɔn a wɔaka no hwete kɔɔ Horma tɔnn.+
-