5 Momfa onini a wadi afe a ɔte apɔw;+ ebetumi ayɛ oguan ba anaa apɔnkye ba. 6 Momfa aboa no nsie nkosi bosome yi da a ɛto so 14,+ na Israel asafo mu no nyinaa nkum no anwummere+ a anim rebiribiri.*
7 Yosia de adwennini nkumaa ne mpapo nkumaa bae sɛ wɔmfa mmɔ Twam afɔre mma obiara a ɔwɔ hɔ. Ná ne nyinaa dodow si 30,000, ne anantwi 3,000. Eyi nyinaa fi ɔhene agyapade mu.+