14 “Afe biara munni afahyɛ mprɛnsa mma me.+ 15 Munni Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ+ no. Sɛnea meka kyerɛɛ mo no, sɛ bere a mahyɛ wɔ bosome Abib+ mu no du a, munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson, efisɛ bosome Abib mu na mufi Egypt bae. Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.+