Mateo 18:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na sɛ wantie a, fa onipa baako anaa nnipa baanu ka wo ho, na ama asɛm biara agyina adansefo baanu anaa baasa adanse* so.+ Yohane 8:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Afei nso, wɔakyerɛw wɔ mo ara mo Mmara mu sɛ: ‘Nnipa baanu adanse yɛ nokware.’+ 1 Timoteo 5:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Sɛ wɔbɔ ɔpanyin* bi sobo a, nnye ntom, gye sɛ egyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so.+ Hebrifo 10:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Obiara a obu Mose mmara no animtiaa no, wogyina nnipa baanu anaa baasa adanse so kum no a wonhu no mmɔbɔ.+
16 Na sɛ wantie a, fa onipa baako anaa nnipa baanu ka wo ho, na ama asɛm biara agyina adansefo baanu anaa baasa adanse* so.+
28 Obiara a obu Mose mmara no animtiaa no, wogyina nnipa baanu anaa baasa adanse so kum no a wonhu no mmɔbɔ.+