18 Nanso Edom ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmɛfa yɛn asaase so. Sɛ wobɛfa ha a, mede sekan bepue aba wo so.” 19 Ɛnna Israelfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkwantempɔn no so na yɛbɛfa akɔ, na sɛ yɛne yɛn nyɛmmoa nom wo nsu a, yebetua ka.+ Nea yɛresrɛ ara ne baabi a yɛde yɛn nan betiatia atwam.”+