Deuteronomium 29:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 ‘Bere a mede mo faa sare so mfe 40 no,+ mo ho ntaade antetew, na mo nan ase mpaboa anhi.+ Nehemia 9:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Womaa wɔn aduan mfirihyia 40 wɔ sare no so.+ Hwee anhia wɔn. Wɔn ntaade antetew,+ na wɔn nan ase nso antaataa. Dwom 23:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Yehowa ne me Hwɛfo.*+ Hwee renhia me.+ Dwom 34:9, 10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa akronkronfo nyinaa, munsuro no,Efisɛ wɔn a wosuro no no, biribiara nhia wɔn.+ כ [Kaph] 10 Agyata* a wɔn ho yɛ den mpo, ade tumi hia wɔn ma ɔkɔm de wɔn,Nanso wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, adepa biara remmɔ wɔn.+
21 Womaa wɔn aduan mfirihyia 40 wɔ sare no so.+ Hwee anhia wɔn. Wɔn ntaade antetew,+ na wɔn nan ase nso antaataa.
9 Yehowa akronkronfo nyinaa, munsuro no,Efisɛ wɔn a wosuro no no, biribiara nhia wɔn.+ כ [Kaph] 10 Agyata* a wɔn ho yɛ den mpo, ade tumi hia wɔn ma ɔkɔm de wɔn,Nanso wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, adepa biara remmɔ wɔn.+