-
Atemmufo 11:17, 18Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Na Israel somaa nkurɔfo kɔɔ Edom hene nkyɛn+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma yɛmfa w’asaase so,” nanso Edom hene ampene. Wɔsoma kɔɔ Moab hene nso nkyɛn,+ na ɔno nso ampene. Enti Israelfo kɔɔ so tenaa Kades.+ 18 Bere a wɔnam sare so no, wotwa faa Edom asaase ne Moab asaase ho.+ Wɔfaa Moab asaase no apuei fam,+ na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtam. Wɔantra amma Moab asaase so,+ efisɛ na Arnon da Moab hye so.
-