-
Deuteronomium 21:6-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Afei mpanyimfo a wɔwɔ kurow a ɛbɛn nea wawu no mu nyinaa mmra, na wɔnhohoro wɔn nsa+ ngu nantwi ba a wɔabu ne kɔn mu wɔ subon no mu no so, 7 na wɔnka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛamfa yɛn ani nso anhu sɛ obi reyɛ saa. 8 O Yehowa, mmu wo man Israel a woagye wɔn+ no fɔ wɔ asɛm yi mu, na mma mogya a edi bem ho asodi nntena wo man Israel mu.’+ Wɔyɛ saa a, ɛnde wɔremfa mogya ho asodi nto wɔn so. 9 Ɛno bɛma woayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na woayi mogya a edi bem ho asodi afi wo mu.
-