20 na wɔnka nkyerɛ ne kurom mpanyimfo sɛ, ‘Yɛn ba yi yɛ otuatewfo a n’aso yɛ den na ontie yɛn asɛm. Ɔyɛ odidifo*+ ne ɔsabofo.’+21 Afei ne kurom mmarima nyinaa nsiw no abo mma onwu. Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfi mo mu na Israelfo nyinaa nte na wonsuro.+
7 “Sɛ wohu obi sɛ wakyere* ne nua Israelni bi asie, na watan n’ani atɔn no a,+ nea ɔkyeree ne yɔnko siei no, ɛsɛ sɛ wokum no.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfi mo mu.+