Exodus 14:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Mo de, monyɛ komm nhwɛ, na Yehowa ankasa bɛko ama mo.”+ Yosua 23:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mo mu baako pɛ betiw nnipa apem,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko ma mo+ sɛnea wahyɛ mo bɔ no.+