Exodus 22:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 “Sɛ mobɔ me nkurɔfo a ahia wɔn* no bosea a, monnyɛ mo ho sɛ wɔn a wɔbɔ nkurɔfo bosea de pɛ mfaso bɔne no. Mommfa nsiho biara nnka ho.+ Leviticus 25:36, 37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 Nnye no nsiho na nhwehwɛ ne ho mfaso bɔne.+ Suro wo Nyankopɔn+ na wo nua no atena nkwa mu wɔ wo nkyɛn. 37 Woma no sika a, nnye nsiho,+ na woma no aduan a, mfa mpɛ mfaso. Nehemia 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Me nso ɛyɛ a me ne me nuanom ne m’asomfo de sika ne aduan fɛm wɔn a yennye nsiho. Mesrɛ mo, momma yennyae nsiho no gye.+ Dwom 15:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɔde ne sika bɔ bosea a, onnye nsiho,+Na onnye nea ne ho nni asɛm nkyɛn adanmude.*+ Onipa a ɔte saa no renhinhim da biara da.+
25 “Sɛ mobɔ me nkurɔfo a ahia wɔn* no bosea a, monnyɛ mo ho sɛ wɔn a wɔbɔ nkurɔfo bosea de pɛ mfaso bɔne no. Mommfa nsiho biara nnka ho.+
36 Nnye no nsiho na nhwehwɛ ne ho mfaso bɔne.+ Suro wo Nyankopɔn+ na wo nua no atena nkwa mu wɔ wo nkyɛn. 37 Woma no sika a, nnye nsiho,+ na woma no aduan a, mfa mpɛ mfaso.
10 Me nso ɛyɛ a me ne me nuanom ne m’asomfo de sika ne aduan fɛm wɔn a yennye nsiho. Mesrɛ mo, momma yennyae nsiho no gye.+
5 Ɔde ne sika bɔ bosea a, onnye nsiho,+Na onnye nea ne ho nni asɛm nkyɛn adanmude.*+ Onipa a ɔte saa no renhinhim da biara da.+