-
Deuteronomium 29:10-13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 “Ɛnnɛ mo nyinaa mugyina Yehowa mo Nyankopɔn anim; mo ne wɔn a wɔdeda mo mmusuakuw ano, mo mpanyimfo, mo atitiriw, Israel mmarima nyinaa, 11 mo mma, mo yerenom,+ ne ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu+ nyinaa, wɔn a wɔkɔ anyina ma mo ne wɔn a wɔkɔ nsu ma mo nyinaa. 12 Moahyia ha nnɛ sɛ morebɛka ntam wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim na mo ne Yehowa mo Nyankopɔn de ayɛ apam,+ 13 sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde mo bɛyɛ ne man+ na ɔno nso ayɛ mo Nyankopɔn,+ sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ na ɔkaa mo agyanom Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ ntam no.
-