Leviticus 26:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “‘Mehyira mo,* na mɛma moawo ama mo ase atrɛw,+ na medi apam a me ne mo ayɛ no so.+ Dwom 127:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Hwɛ! Mma* yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ.+Ɔyafunu mu aba yɛ akatua.+ Dwom 128:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba wɔ wo fi.+Wo mma bɛtenatena wo pon ho ahyia te sɛ ngodua nketewa a ayɛ fɛ.
3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba wɔ wo fi.+Wo mma bɛtenatena wo pon ho ahyia te sɛ ngodua nketewa a ayɛ fɛ.