Deuteronomium 5:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Monhwɛ sɛ mobɛyɛ nea Yehowa mo Nyankopɔn aka no nyinaa.+ Mommman nnkɔ benkum anaa nifa.+ Yosua 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akokoduru na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ Yesaia 30:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Sɛ woman fa nifa oo, woman fa benkum oo,+ w’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɔkwan no ni.+ Fa so.”
7 “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akokoduru na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+