24 Nanso esiane sɛ m’akoa Kaleb+ da nsow,* na wakɔ so de ne koma nyinaa adi m’akyi nti, nea ɛte biara mede no bɛkɔ asaase a ɔkɔhwɛɛ so no so, na ɛbɛyɛ n’asefo dea.+
35 ‘Awo ntoatoaso bɔne yi mu ɔbarima baako mpo renhu asaase pa a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na obehu, na mede asaase a ɔkɔɔ so no bɛma ɔne ne mma, efisɛ ɔde ne koma nyinaa* adi Yehowa akyi.+