-
Yosua 18:19, 20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 Ɔhye no toa so kɔ Bet-Hogla+ koko so wɔ atifi fam. Na ano kɔpem baabi a Nkyene Po*+ no didi kɔ asaase mu wɔ atifi fam wɔ Yordan anaafo no. Eyi ne anaafo fam hye no. 20 Asaase no hye a ɛda apuei fam no ne Yordan. Eyi ne agyapade a wɔde maa Benyamin asefo sɛnea wɔn mmusua te; n’afã nyinaa ahye ne no.
-