-
Atemmufo 3:9-11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Bere a Israelfo su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn no,+ Yehowa maa Israelfo no ogyefo bi sɛ onnye wɔn.+ Ɔno ne Otniel,+ Kaleb nua kumaa Kenas ba no. 10 Yehowa honhom baa no so,+ na ɔbɛyɛɛ Israel temmufo. Na bere a ɔkɔɔ ɔko no, Yehowa de Mesopotamia* hene Kusan-Risataim hyɛɛ ne nsa, na odii Kusan-Risataim so nkonim. 11 Ɛno akyi no, asomdwoe baa asaase no so* mfe 40. Na Kenas ba Otniel wui.
-