20 Afei wɔhyɛn mmɛn no, na ɔman no teɛɛm.+ Bere a ɔman no tee abɛn no a wɔteɛɛm denneennen pɛ, ɔfasu no nyinaa dwiriw guu fam.+ Afei wɔbɔ wuraa kurow no mu; obiara kɔɔ n’anim tee, na wɔfaa kurow no.
26 Saa bere no, Yosua kaa ntam sɛ:* “Obiara a ɔbɛkyekye Yeriko kurow yi, nnome nka no wɔ Yehowa anim. Sɛ ɔto kurow no fapem a, ne ba panyin bewu, na osisi n’apon a, ne ba kumaa bewu.”+