17 Bere a Yosef hui sɛ ne papa de ne nsa nifa ato Efraim ti so no, n’ani annye ho, enti ɔyɛe sɛ ɔreyi ne papa nsa afi Efraim ti so de ato Manase ti so. 18 Yosef ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, nyɛ no saa, efisɛ oyi ne ɔpanyin.+ Fa wo nsa nifa to ɔno mmom ti so.”