Deuteronomium 20:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 “Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wuhu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm pii sen wo a, nsuro wɔn, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt asaase so no ka wo ho.+ Deuteronomium 31:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Munnya akokoduru na mo ho nyɛ den.+ Munnsuro wɔn na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔne mo nam. Ɔrempo mo, na ɔrennyaw mo.”+ Yosua 13:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 wɔn a wɔtete bepɔw so nyinaa, efi Lebanon+ kosi Misrefot-Maim;+ ne Sidonfo+ nyinaa. Metu wɔn afi Israelfo anim.*+ Hwɛ sɛ wode bɛka Israel agyapade ho, sɛnea meka kyerɛɛ wo no.+ Mmebusɛm 21:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Wosiesie ɔpɔnkɔ ma ɔko da,+Nanso Yehowa na nkwagye yɛ ne dea.+
20 “Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wuhu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm pii sen wo a, nsuro wɔn, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt asaase so no ka wo ho.+
6 Munnya akokoduru na mo ho nyɛ den.+ Munnsuro wɔn na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔne mo nam. Ɔrempo mo, na ɔrennyaw mo.”+
6 wɔn a wɔtete bepɔw so nyinaa, efi Lebanon+ kosi Misrefot-Maim;+ ne Sidonfo+ nyinaa. Metu wɔn afi Israelfo anim.*+ Hwɛ sɛ wode bɛka Israel agyapade ho, sɛnea meka kyerɛɛ wo no.+