2Afei Nun ba Yosua somaa mmarima baanu kodɛɛ fii Sitim+ sɛ akwansrafo.* Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔhwɛ sɛnea asaase no te, ɛnkanka Yeriko kurow no.” Enti wosiim kɔe, na wokoduu tuutuuni bi a ne din de Rahab+ fi, na wɔsoɛɛ hɔ.
16Asaase a wɔnam ntonto so+ de maa Yosef+ asefo no, efi Yordan a ɛbɛn Yeriko kosi Yeriko nsu ho wɔ apuei; ɛkɔfa sare a efi Yeriko foro kɔ Betel mmepɔw mu no so.+