-
Numeri 35:22-24Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 “‘Nanso sɛ wanhyɛ da anaa ɛnyɛ ne ho tan nti na opiaa no anaa ɛnyɛ adwemmɔne nti* na ɔtow biribi bɔɔ no,+ 23 anaa wanhu no na ɔmaa ɔbo bɛhwee no so ma owui, na sɛ ɔntan no anaa ɔmpɛ no bɔne a, 24 ɛnde asafo no nnyina saa akwankyerɛ yi so mmu nea wakum onipa no ne nea wɔakum no no busuani* no ntam atɛn.+
-
-
Deuteronomium 19:4-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 “Sɛ obi kum onipa a, nea ɛbɛma waguan akɔ hɔ akonya ne ti adidi mu ne sɛ, wanhyɛ da na okum ne yɔnko no, na na ɔntan no dedaw.+ 5 Ebi ne sɛ ebia obi ne ne yɔnko akɔ anyina na wama abonnua so sɛ ɔretwa gya wɔ wuram na dade no ahɔn afi dua no so abɛbɔ ne yɔnko no akum no. Ɛba saa a, nea wakum onipa no nguan nkɔ nkurow yi baako mu na onnya nkwa.+ 6 Anyɛ saa a, anhwɛ a nea wɔakum no no busuani*+ no de abufuhyew bɛtaa nea wakum ne ho nipa no so, na esiane sɛ ɔkwan no ware nti, ɔbɛkɔ akɔto no akum no. Nanso ɛnsɛ sɛ owu, efisɛ na ɔntan ne yɔnko no.+
-