Genesis 23:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Sara wui wɔ Kiriat-Arba,+ anaa Hebron,+ wɔ Kaanan asaase so,+ na Abraham gyam Sara na osuu no. Genesis 35:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Afei Yakob koduu ne papa Isak nkyɛn wɔ Mamre,+ wɔ Kiriat-Arba, kyerɛ sɛ Hebron, baabi a Abraham ne Isak tenae sɛ ahɔho no.+ Yosua 15:13, 14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yefune ba Kaleb+ de, ɔmaa no asaase wɔ Yuda asefo mu sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ná Arba yɛ Anak agya). Saa kurow yi ara ne Hebron.+ 14 Na Kaleb tuu Anak mma+ baasa no fii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai,+ Anak asefo. Yosua 20:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Enti wohyiraa nkurow yi so:* Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔw mu; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔw mu; ne Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ, Hebron, wɔ Yuda mmepɔw mu. Atemmufo 1:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Enti Yudafo no kɔtow hyɛɛ Kaananfo a wɔte Hebron no so, na wokum Sesai ne Ahiman ne Talmai.+ (Bere bi, na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba.)
27 Afei Yakob koduu ne papa Isak nkyɛn wɔ Mamre,+ wɔ Kiriat-Arba, kyerɛ sɛ Hebron, baabi a Abraham ne Isak tenae sɛ ahɔho no.+
13 Yefune ba Kaleb+ de, ɔmaa no asaase wɔ Yuda asefo mu sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ná Arba yɛ Anak agya). Saa kurow yi ara ne Hebron.+ 14 Na Kaleb tuu Anak mma+ baasa no fii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai,+ Anak asefo.
7 Enti wohyiraa nkurow yi so:* Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔw mu; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔw mu; ne Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ, Hebron, wɔ Yuda mmepɔw mu.
10 Enti Yudafo no kɔtow hyɛɛ Kaananfo a wɔte Hebron no so, na wokum Sesai ne Ahiman ne Talmai.+ (Bere bi, na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba.)