16Asaase a wɔnam ntonto so+ de maa Yosef+ asefo no, efi Yordan a ɛbɛn Yeriko kosi Yeriko nsu ho wɔ apuei; ɛkɔfa sare a efi Yeriko foro kɔ Betel mmepɔw mu no so.+
13 Na ɔhye no toa so fi hɔ kɔfa Lus (ɛno ara ne Betel).+ Ɛfa Lus nkoko a ɛwɔ anaafo no ho; na esian kɔfa Atarot-Adar+ wɔ bepɔw a ɛwɔ Anaafo Bet-Horon+ anaafo fam no so.