-
Yosua 2:9-11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim sɛ Yehowa de asaase yi bɛma mo,+ na mo ho hu atɔ yɛn so.+ Mo nti, asaase yi sofo nyinaa abɔ hu,+ 10 efisɛ yɛate sɛnea Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no yowee wɔ mo anim bere a mufi Egypt reba no,+ ne nea mode yɛɛ Amorifo ahemfo baanu, Sihon+ ne Og+ a mosɛee wɔn wɔ Yordan agya* no. 11 Bere a yɛtee no, yɛn koma tui,* na mo nti obiara abɔ hu, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asaase a ɛwɔ fam yi Nyankopɔn.+
-