9 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham bio sɛ: “Di m’apam so, wo ne w’asefo ne wɔn awo ntoatoaso a wobedi akyi aba nyinaa. 10 Apam a me ne wo ayɛ a wo ne w’asefo a wobedi w’akyi aba nyinaa bedi so no ni: Mo mu ɔbarima biara ntwa twetia.+ 11 Muntwa twetia na ɛnyɛ apam a me ne mo ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.+