14 Akyiri yi a Lot tew ne ho fii Abram ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anaafo, apuei ne atɔe, 15 efisɛ asaase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefo*+ afebɔɔ.
33Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Asaase a mekaa Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ, ‘W’asefo* na mede bɛma wɔn’+ no, kɔfa nnipa a wudii wɔn anim fii Egypt asaase so no, na munsim nkɔ hɔ.