-
1 Beresosɛm 10:8-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Ade kyee no, Filistifo no bae sɛ wɔrebeyiyi awufo no ho nneɛma, na wokopuee Saul ne ne mma no so sɛ wɔawuwu gu Gilboa Bepɔw so.+ 9 Ɛnna woyiyii ne ho nneɛma, na wotwaa ne ti faa n’akotaade,* na wɔsoma kɔɔ Filistifo asaase so baabiara kɔbɔɔ wɔn abosom+ ne ɔmanfo amanneɛ. 10 Afei wɔde n’akotaade no koguu wɔn nyame fi,* na wɔde ne tikora kɔsɛn Dagon fi.+
-