-
1 Samuel 6:8, 9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Momfa Yehowa Adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika kɔkɔɔ nneɛma a mode rekɔbɔ afodi afɔre ama no no ngu adaka ketewa mu nsi nkyɛn,+ na momma ensi kwan so nkɔ. 9 Afei momfa mo ani nni akyi. Sɛ ɛfa ne kwan so kɔ n’asaase so wɔ Bet-Semes+ a, ɛnde na ɛyɛ Israel Nyankopɔn na wayɛ yɛn bɔne kɛse yi; sɛ anyɛ saa a, ɛnde na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔde ne nsa aka yɛn; ɛyɛ asɛm ne asɛm na ahyia.”
-