12 Na Israelfo no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Eyi de, yebewuwu, nea ɛte biara yɛbɛsɛe; yɛn nyinaa bɛsɛe! 13 Obiara a ɔbɛbɛn Yehowa som ntamadan no mpo bewu!+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu saa?”+
8 Ɛnna Dawid bo fuwii* sɛ Yehowa abufuw apae agu Ussa so. Wɔfrɛɛ hɔ Peres-Ussa,* na saa na wɔafrɛ hɔ de besi nnɛ. 9 Ɛmaa Dawid suroo Yehowa+ saa da no, na ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa adaka no aba me nkyɛn?”+