17 Mfa wo nsa nka biribiara a ɛsɛ sɛ mosɛe no;+ ɛno bɛma Yehowa bo adwo. Ne yam bɛhyehye no na wahu wo mmɔbɔ na wama w’asefo adɔɔso sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no.+
9 Nanso Agag ne nguan ne anantwi ne mmoa a wɔadɔ srade ne adwennini ne nneɛma pa nyinaa, Saul ne asraafo no anyɛ wɔn hwee,*+ na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn. Ade biara a ɛso nni mfaso na wɔmfa nyɛ hwee de, wɔsɛee ne nyinaa pasaa.