14 Nanso seesei de, w’ahenni renkyɛ.+ Yehowa bɛhwehwɛ ɔbarima a ɔyɛ nea Yehowa koma pɛ,+ na ɔbɛyɛ no ɔkannifo wɔ ne man so,+ efisɛ woanyɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ wo no.”+
16Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wubedi Saul ho awerɛhow akosi da bɛn,+ bere a mapo no sɛ onnni Israel so hene bio no?+ Fa ngo gu abɛn mu+ na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, efisɛ mapaw ɔhene wɔ ne mma mu.”+
22 Bere a otuu no fii ade so no, oyii Dawid maa wɔn sɛ ɔhene,*+ na odii ne ho adanse sɛ: ‘Mahu Yese ba+ Dawid. Ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ nea me koma pɛ.+ Ɔno na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’