Tito 1:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na ne nyinaa gyina daa nkwa ho anidaso+ so, anidaso a Onyankopɔn a ontumi nni atoro+ no hyɛɛ ho bɔ fi teteete no; Hebrifo 6:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 sɛnea ɛbɛyɛ a, nneɛma abien a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atoro+ wom nti, yɛn a yɛaguan akonya guankɔbea no benya nkuranhyɛ a emu yɛ den a ɛbɛma yɛaso anidaso a wɔde asi yɛn anim no mu pintinn.
2 Na ne nyinaa gyina daa nkwa ho anidaso+ so, anidaso a Onyankopɔn a ontumi nni atoro+ no hyɛɛ ho bɔ fi teteete no;
18 sɛnea ɛbɛyɛ a, nneɛma abien a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atoro+ wom nti, yɛn a yɛaguan akonya guankɔbea no benya nkuranhyɛ a emu yɛ den a ɛbɛma yɛaso anidaso a wɔde asi yɛn anim no mu pintinn.