5 Filistifo no nso boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israelfo rebɛko; wɔde nteaseɛnam 30,000 ne nnipa 6,000 a wɔtete apɔnkɔ so, ne nnipa a wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea bae,+ na wɔforo kɔboaa wɔn ho ano wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen+ apuei fam.
52 Saul nna nyinaa, ntɔkwaw a emu yɛ den ampa ɔne Filistifo ntam.+ Sɛ Saul hu ɔbarima biara a ne ho yɛ den anaa ɔwɔ akokoduru a, na ɔde no aka ne dɔm ho.+