1 Samuel 18:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Eyi maa Saul suroo Dawid paa, na Saul nna a aka nyinaa, Dawid bɛyɛɛ ne tamfo.+ 1 Samuel 20:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Ɛnna Saul tow peaw sɛ ɔde rewɔ no,+ na ɛno maa Yonatan hui sɛ ne papa asi ne bo sɛ obekum Dawid.+ 1 Samuel 27:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Nanso Dawid kae wɔ ne komam sɛ: “Anhwɛ a da koro Saul bekum me. Nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ meguan akɔ Filistifo asaase so.+ Ɛba saa a, Saul bɛhwehwɛ me wɔ Israel asaase so nyinaa,+ na sɛ wanhu me a, obegyae na mafa me ho adi.”
27 Nanso Dawid kae wɔ ne komam sɛ: “Anhwɛ a da koro Saul bekum me. Nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ meguan akɔ Filistifo asaase so.+ Ɛba saa a, Saul bɛhwehwɛ me wɔ Israel asaase so nyinaa,+ na sɛ wanhu me a, obegyae na mafa me ho adi.”