13 Enti Samuel faa abɛn a ngo wom no,+ na ɔsraa no wɔ ne nuanom mu. Na efi saa da no rekɔ no, Yehowa honhom baa Dawid so.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+
3 Enti Israel mpanyimfo nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn yɛɛ apam+ Yehowa anim wɔ Hebron. Ɛnna wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.+