4 Dawid bisaa no sɛ: “Nneɛma kɔɔ so dɛn? Mesrɛ wo, ka kyerɛ me.” Na ɔkae sɛ: “Asraafo no aguan afi akono, na wɔn mu pii awuwu; Saul ne ne ba Yonatan nso awu.”+
6 Ɛnna aberante no kae sɛ: “Mikopuee Gilboa Bepɔw so,+ na mihui sɛ Saul tweri ne peaw. Ná asraafo a wɔka nteaseɛnam ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no ato no awie.+