-
1 Samuel 11:9-11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Afei wɔka kyerɛɛ abɔfo a wɔbae no sɛ: “Nea monkɔka nkyerɛ mmarima a wɔwɔ Yebes a ɛwɔ Gilead ni, ‘Ɔkyena awia ketee, yebegye mo.’” Ɛnna abɔfo no bɛka kyerɛɛ Yebes mmarima, na wodii ahurusi. 10 Ɛno nti Yebes mmarima no kɔka kyerɛɛ Ammonfo sɛ: “Ɔkyena yɛde yɛn ho bɛma mo, na nea mopɛ biara momfa nyɛ yɛn.”+
11 Ade kyee no, Saul kyekyɛɛ nkurɔfo no mu abiɛsa, na wɔbɔ wuraa Ammonfo+ dɔm no mu ahemanakye* kokunkum wɔn kosii awia ketee. Wɔn a wɔkae nso, wɔbɔɔ wɔn hwetee, na wɔn mu baanu mpo anka wɔ faako.
-