4 Ɛnna Yuda mmarima baa hɔ, na wɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda fi so.+
Nkurɔfo bɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yebes-Gileadfo na wosiee Saul.” 5 Enti Dawid tuu abɔfo kɔɔ Yebes-Gilead mmarima nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhyira mo sɛ moada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ mo wura Saul, na moasie no.+