5 Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: “Sɛ manya w’anim dom a, ma wɔmma me nkurow a ɛwɔ akuraase no baako na mentena hɔ. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ w’akoa ne wo tena ahenkurow mu?” 6 Enti Akis de Siklag+ maa no saa da no. Ɛno nti na Siklag abɛyɛ Yuda ahemfo kurow de besi nnɛ no.