51 Ɔhene Solomon wiee Yehowa fi no ho adwuma a ɔyɛe no nyinaa. Ɛnna Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baa mu;+ ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no beguu Yehowa fi adekora adan no mu.+
14 Mamia m’ani paa aboaboa eyinom nyinaa ano de asie ama Yehowa fi no: sika kɔkɔɔ dwetikɛse* 100,000, dwetɛ dwetikɛse 1,000,000, ne kɔbere ne dade+ a ne dodow nti wontumi nkari. Masan asiesie nnua ne abo agu hɔ+ nanso ɛno de, pɛ bi ka ho.