Numeri 27:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Obegyina ɔsɔfo Eleasar anim, na Eleasar begyina n’ananmu de Urim* abisa Yehowa hɔ akwankyerɛ.*+ Sɛ ɔka sɛ wompue nkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra mu a wɔbɛba, ɔne Israelfo a wɔka ne ho nyinaa ne asafo no nyinaa.” 1 Samuel 28:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Saul bisaa Yehowa anom asɛm,+ nanso Yehowa amfa ɔdae, Urim,*+ anaa adiyifo so amma no mmuae.
21 Obegyina ɔsɔfo Eleasar anim, na Eleasar begyina n’ananmu de Urim* abisa Yehowa hɔ akwankyerɛ.*+ Sɛ ɔka sɛ wompue nkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra mu a wɔbɛba, ɔne Israelfo a wɔka ne ho nyinaa ne asafo no nyinaa.”