-
1 Samuel 22:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 Enti Dawid fii hɔ,+ na oguan kɔɔ Adulam ɔbodan+ no mu. Bere a ne nuanom ne ne papa fifo nyinaa tee no, wɔkɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. 2 Na mmarima a wɔakɔ ɔhaw mu ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a nneɛma ahyɛ wɔn so* nyinaa boaboaa wɔn ho ano kɔɔ ne nkyɛn, na ɔyɛɛ wɔn so panyin. Mmarima bɛyɛ 400 na wɔkɔkaa ne ho.
-