19 Sɛ wudu asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapade+ no so, na Yehowa wo Nyankopɔn ma wohome fi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a, popa Amalekfo fi hɔ na wɔankae wɔn bio wɔ ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfi.
20 Nanso Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Na sɛ́ matie Yehowa nne. Adwuma a Yehowa somaa me sɛ menkɔyɛ no, makɔyɛ, na mede Amalek hene Agag aba, na Amalekfo de, masɛe wɔn pasaa.+
30Ne nnansa so a Dawid ne ne mmarima no beduu Siklag+ no, na Amalekfo+ abɛtow ahyɛ anaafo famfo* ne Siklag so, na wɔasɛe Siklag de ogya ahyew kurow no.