18 Na n’asomfo no mu baako bɛkae sɛ: “Hwɛ! Mahu Betlehemni Yese ba bi a onim bɔ paa; ɔyɛ ɔbarima katakyi a ɔwɔ akokoduru.+ N’ano atew, ne ho yɛ fɛ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+
18 Ne nkoa a wɔne no nam* nyinaa, ne Keretifo, Peletifo,+ ne Gatfo+ no nyinaa, mmarima 600 a wodii n’akyi fi Gat+ bae no, ɔhene hwɛɛ wɔn mu biara ansa na ɔrema watwam.*