8 Me ne no kasa anim ne anim*+ ma ɔte biribiara ase; menkasa nkyerɛ no akasabebu mu.* Na Yehowa yi ne ho adi kyerɛ no. Enti adɛn na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?”
6 Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Ɛmpare me sɛ megyina Yehowa anim ayɛ ade a ɛte saa atia me wura a Yehowa asra no na mateɛ me nsa aka no, efisɛ Yehowa asra no.”+
4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Twe wo sekan fa kum me na momonotofo*+ yi ammɛwɔ me sekan anyɛ me aninyanne.”* Nanso ne somfo no ampɛ sɛ ɔyɛ saa, efisɛ na ehu aka no paa. Enti Saul faa sekan no na ogyaa ne ho kɔwɔɔ so.+