7 Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: “Me de, na ɛda me koma so sɛ mesi ofi ama Yehowa me Nyankopɔn din.+ 8 Nanso nea Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Woahwie mogya pii agu, na woadi ako akɛse. Ɛnyɛ wo na wubesi ofi ama me din+ efisɛ woahwie mogya pii agu asaase so wɔ m’anim.