-
1 Beresosɛm 22:9, 10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Hwɛ, wobɛwo ɔbabarima.+ Ɔbɛyɛ asomdwoe* nipa, na mɛma ne ho adwo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam;+ wɔbɛfrɛ no Solomon,* + na mɛma Israel anya asomdwoe na wɔn ho adwo wɔn wɔ ne bere so.+ 10 Ɔno na obesi ofi ama me din;+ ɔbɛyɛ me ba na me nso mayɛ n’agya.+ Mɛma n’ahenni agua atim Israel so afebɔɔ.’+
-
-
2 Beresosɛm 2:4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Merebesi ofi ama Yehowa me Nyankopɔn din na matew ho ahyew aduhuam+ wɔ n’anim. Mede paanoo a wɔde taataa so* a wɔde si hɔ daa,+ ne anɔpa ne anwummere ɔhyew afɔre+ nso bɛma no Homeda+ biara. Ɔsram foforo+ ne yɛn Nyankopɔn Yehowa afahyɛ bere+ nso, saa ara na mɛyɛ. Eyi ne ahyɛde a ɛda hɔ ma Israel daa.
-