11 Ɛnna Tiro hene Hiram kyerɛw krataa kɔmaa Solomon sɛ: “Yehowa dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.” 12 Hiram toaa so sɛ: “Ayeyi nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase, efisɛ wama Ɔhene Dawid ɔba nyansafo+ a ɔwɔ nhumu ne ntease+ a obesi ofi ama Yehowa na wasi ahemfi ama n’ahenni.